Native Bible

Isaiah 66:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so. Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so, mekasaeɛ no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.”

Isaiah 66:4 in English

Isaiah 66:4 · Berean Standard Bible

So I will choose their punishment and I will bring terror upon them, because I called and no one answered, I spoke and no one listened. But they did evil in My sight and chose that in which I did not delight.”

Context

2Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho. 3Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔde odwammaa ba no, saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ, deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom. Wɔafa wɔn ankasa akwan na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho; 4enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so. Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so, mekasaeɛ no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.” 5Montie Awurade asɛm, mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: “Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo na wɔatwa mo agya no, wɔka sɛ, ‘Monhyɛ Awurade animuonyam, na yɛahunu mo anigyeɛ!’ Nanso wɔn anim bɛgu ase. 6Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu, montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu! Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.