Yesaia 66:1
Isaiah 66:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
Isaiah 66:1 in English
Isaiah 66:1 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “Heaven is My throne, and earth is My footstool. What kind of house will you build for Me? Or where will My place of repose be?
Context
1Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Ɔsoro yɛ mʼahennwa,
na asase yɛ me nan ntiasoɔ.
Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?
Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me? 2Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa,
ɛna enti ɛbaa mu anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
“Obi a mʼani sɔ no nie:
deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom,
na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho. 3Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no
saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ,
na deɛ ɔde odwammaa ba no,
saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ;
deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no
saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ,
deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no
saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom.
Wɔafa wɔn ankasa akwan
na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.