Native Bible

Isaiah 60:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼawia rentɔ bio, wo srane rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa.

Isaiah 60:20 in English

Isaiah 60:20 · Berean Standard Bible

Your sun will no longer set, and your moon will not wane; for the LORD will be your everlasting light, and the days of your sorrow will cease.

Context

18Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so. Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ ne wʼapono sɛ Ayɛyie. 19Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio na ɔsrane hann renhyerɛn wo so, ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam. 20Wʼawia rentɔ bio, wo srane rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa. 21Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanimuonyam adi. 22Mo mu akumaa koraa bɛdɔre ayɛ apem, na ketewa no ayɛ ɔman kɛseɛ. Mene Awurade; na ne berɛ mu, mɛyɛ yei ntɛm so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.