Yesaia 60:21
Isaiah 60:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanimuonyam adi.
Isaiah 60:21 in English
Isaiah 60:21 · Berean Standard Bible
Then all your people will be righteous; they will possess the land forever; they are the branch of My planting, the work of My hands, so that I may be glorified.
Context
19Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio
na ɔsrane hann renhyerɛn wo so,
ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann,
na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam. 20Wʼawia rentɔ bio,
wo srane rennum bio,
Awurade bɛyɛ wo daapem hann,
na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa. 21Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ
na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ.
Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ
me nsa ano adwuma a
ɛbɛda mʼanimuonyam adi. 22Mo mu akumaa koraa bɛdɔre ayɛ apem,
na ketewa no ayɛ ɔman kɛseɛ.
Mene Awurade;
na ne berɛ mu, mɛyɛ yei ntɛm so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.