Yesaia 60:18
Isaiah 60:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so. Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ ne wʼapono sɛ Ayɛyie.
Isaiah 60:18 in English
Isaiah 60:18 · Berean Standard Bible
No longer will violence be heard in your land, nor ruin or destruction within your borders. But you will name your walls Salvation and your gates Praise.
Context
16Wobɛnom amanaman nufosuo no
na woanum adehyeɛ nufoɔ.
Afei wobɛhunu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa,
wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no. 17Mede sikakɔkɔɔ bɛsi kɔbere anan mu abrɛ wo,
na dwetɛ asi dadeɛ anan mu.
Mede kɔbere bɛsi dua anan mu abrɛ wo,
na dadeɛ asi aboɔ anan mu.
Mede asomdwoeɛ bɛyɛ wo so amrado
na tenenee ayɛ wo sodifoɔ. 18Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio,
anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so.
Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ
ne wʼapono sɛ Ayɛyie. 19Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio
na ɔsrane hann renhyerɛn wo so,
ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann,
na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam. 20Wʼawia rentɔ bio,
wo srane rennum bio,
Awurade bɛyɛ wo daapem hann,
na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.