Native Bible

Isaiah 58:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo tenenee bɛdi mo anim, na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.

Isaiah 58:8 in English

Isaiah 58:8 · Berean Standard Bible

Then your light will break forth like the dawn, and your healing will come quickly. Your righteousness will go before you, and the glory of the LORD will be your rear guard.

Context

6“Saa mmuadadie yi na mepɛ: sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasane kɔnnua nhoma, sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu kɔnnua biara. 7Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena. Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so. 8Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo tenenee bɛdi mo anim, na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm. 9Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so; mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie. “Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua, nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ, 10na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a, ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.