Yesaia 58:9
Isaiah 58:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so; mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie. “Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua, nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ,
Isaiah 58:9 in English
Isaiah 58:9 · Berean Standard Bible
Then you will call, and the LORD will answer; you will cry out, and He will say, ‘Here I am.’ If you remove the yoke from your midst, the pointing of the finger and malicious talk,
Context
7Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane
na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena.
Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma
na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so. 8Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye,
na mo ayaresa aba ntɛm so;
afei mo tenenee bɛdi mo anim,
na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm. 9Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so;
mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie.
“Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua,
nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ, 10na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn
na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a,
ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu,
na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ. 11Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara;
ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee so
na ɔbɛhyɛ mo onipadua den.
Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie,
sɛ asuwa a emu nsuo nwe da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.