Yesaia 58:3
Isaiah 58:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada na woanhunu yi? Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa.
Isaiah 58:3 in English
Isaiah 58:3 · Berean Standard Bible
“Why have we fasted, and You have not seen? Why have we humbled ourselves, and You have not noticed?” “Behold, on the day of your fast, you do as you please, and you oppress all your workers.
Context
1“Monteam denden, monnnyae.
Momma mo nne so sɛ totorobɛnto.
Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn
na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no. 2Ɛda biara da wɔhwehwɛ me;
ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan,
te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene
na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ.
Wɔbisa me hɔ asɛntenenee
na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn. 3Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada
na woanhunu yi?
Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase,
na woanhwɛ yi?’
“Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ
na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa. 4Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie,
ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.
Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi
na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro. 5Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa?
Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa?
Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire
na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa?
Yei na mofrɛ no abuadadie yi,
ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.