Native Bible

Isaiah 58:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ. Wɔbisa me hɔ asɛntenenee na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.

Isaiah 58:2 in English

Isaiah 58:2 · Berean Standard Bible

For day after day they seek Me and delight to know My ways, like a nation that does what is right and does not forsake the justice of their God. They ask Me for righteous judgments; they delight in the nearness of God.”

Context

1“Monteam denden, monnnyae. Momma mo nne so sɛ totorobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no. 2Ɛda biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ. Wɔbisa me hɔ asɛntenenee na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn. 3Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada na woanhunu yi? Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa. 4Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.