Native Bible

Isaiah 54:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me; na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.

Isaiah 54:15 in English

Isaiah 54:15 · Berean Standard Bible

If anyone attacks you, it is not from Me; whoever assails you will fall before you.

Context

13Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso. 14Wobɛtim wɔ tenenee mu: Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware; worensuro biribiara. Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri, na ɛremmɛn wo. 15Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me; na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo. 16“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie. Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ; 17akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu. Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ ne wɔn bembuo a ɛfiri me,” Awurade na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.