Yesaia 54:16
Isaiah 54:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie. Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ;
Isaiah 54:16 in English
Isaiah 54:16 · Berean Standard Bible
Behold, I have created the craftsman who fans the coals into flame and forges a weapon fit for its task; and I have created the destroyer to wreak havoc.
Context
14Wobɛtim wɔ tenenee mu:
Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware;
worensuro biribiara.
Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,
na ɛremmɛn wo. 15Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me;
na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo. 16“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ
a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre
na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie.
Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ; 17akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina
na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu.
Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ
ne wɔn bembuo a ɛfiri me,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.