Native Bible

Isaiah 51:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ; ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu. Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”

Isaiah 51:8 in English

Isaiah 51:8 · Berean Standard Bible

For the moth will devour them like a garment, and the worm will eat them like wool. But My righteousness will last forever, My salvation through all generations.”

Context

6Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro, monhwɛ asase wɔ fam; ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie na asase bɛtete sɛ atadeɛ na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena. Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, me tenenee to rentwa da. 7“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ, mo a me mmara wɔ mo akoma mu: Monnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo. 8Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ; ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu. Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.” 9Nyane, nyane! Ao Awurade basa hyɛ ahoɔden aduradeɛ; nyane te sɛ nna a atwam no, te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no. Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no, na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no? 10Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, nsubunu mu nsuo no, deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.