Yesaia 51:10
Isaiah 51:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, nsubunu mu nsuo no, deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?
Isaiah 51:10 in English
Isaiah 51:10 · Berean Standard Bible
Was it not You who dried up the sea, the waters of the great deep, who made a road in the depths of the sea for the redeemed to cross over?
Context
8Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ;
ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu.
Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa
me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.” 9Nyane, nyane! Ao Awurade basa
hyɛ ahoɔden aduradeɛ;
nyane te sɛ nna a atwam no,
te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no.
Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no,
na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no? 10Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ,
nsubunu mu nsuo no,
deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no
sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa? 11Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba.
Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;
anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire,
anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so,
awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera. 12“Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ.
Hwan ne wo a wosuro ɔdasani,
nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.