Yesaia 51:7
Isaiah 51:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ, mo a me mmara wɔ mo akoma mu: Monnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.
Isaiah 51:7 in English
Isaiah 51:7 · Berean Standard Bible
Listen to Me, you who know what is right, you people with My law in your hearts: Do not fear the scorn of men; do not be broken by their insults.
Context
5Me tenenee reba ntɛm so,
me nkwagyeɛ nam ɛkwan so,
na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no.
Nsupɔ no bɛhwehwɛ me
na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa. 6Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro,
monhwɛ asase wɔ fam;
ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie
na asase bɛtete sɛ atadeɛ
na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena.
Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,
me tenenee to rentwa da. 7“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ,
mo a me mmara wɔ mo akoma mu:
Monnsuro nnipa animka
anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo. 8Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ;
ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu.
Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa
me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.” 9Nyane, nyane! Ao Awurade basa
hyɛ ahoɔden aduradeɛ;
nyane te sɛ nna a atwam no,
te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no.
Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no,
na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.