Yesaia 51:14
Isaiah 51:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no; wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu, na aduane remmɔ wɔn.
Isaiah 51:14 in English
Isaiah 51:14 · Berean Standard Bible
The captive will soon be freed; he will not die in the dungeon, and his bread will not be lacking.
Context
12“Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ.
Hwan ne wo a wosuro ɔdasani,
nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi. 13Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ,
deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro mu
na ɔhyɛɛ asase ase no?
Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo?
Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa?
Na ɔhyɛsoni no abufuo wɔ he? 14Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no;
wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu,
na aduane remmɔ wɔn. 15Na mene Awurade, wo Onyankopɔn
deɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so.
Asafo Awurade, ne ne din. 16Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu,
na mede me nsa ase nwunu akata wo so.
Me a mede ɔsorosoro sii hɔ
na mehyɛɛ asase ase
na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.