Yesaia 47:14
Isaiah 47:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia; ogya bɛhye wɔn. Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho mfiri egyadɛreɛ ano den no ho. Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
Isaiah 47:14 in English
Isaiah 47:14 · Berean Standard Bible
Surely they are like stubble; the fire will burn them up. They cannot deliver themselves from the power of the flame. There will be no coals to warm them or fire to sit beside.
Context
12“Kɔ so yɛ wo ntafowayie
ne wʼabayisɛm bebrebe
a wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no.
Ebia wobɛdi nkonim,
ebia wode ehu bɛba. 13Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu!
Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim,
wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no,
ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu. 14Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia;
ogya bɛhye wɔn.
Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho
mfiri egyadɛreɛ ano den no ho.
Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye;
ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato. 15Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no,
yeinom na wo ne wɔn abrɛ
na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase.
Wɔn mu biara afa ne kwan;
ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.