Native Bible

Isaiah 47:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no, yeinom na wo ne wɔn abrɛ na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase. Wɔn mu biara afa ne kwan; ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.

Isaiah 47:15 in English

Isaiah 47:15 · Berean Standard Bible

This is what they are to you— those with whom you have labored and traded from youth— each one strays in his own direction; not one of them can save you.

Context

13Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu! Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no, ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu. 14Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia; ogya bɛhye wɔn. Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho mfiri egyadɛreɛ ano den no ho. Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato. 15Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no, yeinom na wo ne wɔn abrɛ na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase. Wɔn mu biara afa ne kwan; ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.