Native Bible

Isaiah 47:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so na waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’

Isaiah 47:10 in English

Isaiah 47:10 · Berean Standard Bible

You were secure in your wickedness; you said, ‘No one sees me.’ Your wisdom and knowledge led you astray; you told yourself, ‘I am, and there is none besides me.’

Context

8“Afei tie, wo odwamanfoɔ, woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ mu na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafoɔ da na merenni abawuo.’ 9Saa nneɛma mmienu yi bɛto wo prɛko pɛ, dakoro pɛ: abawuo ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi. 10Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so na waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’ 11Amanehunu bɛto wo, na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri hɔ. Ɔhaw bi bɛba wo so a worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri hɔ; atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo bɛba wo so mpofirim. 12“Kɔ so yɛ wo ntafowayie ne wʼabayisɛm bebrebe a wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no. Ebia wobɛdi nkonim, ebia wode ehu bɛba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.