Yesaia 44:4
Isaiah 44:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho.
Isaiah 44:4 in English
Isaiah 44:4 · Berean Standard Bible
They will sprout among the grass like willows * by flowing streams.
Context
2Sei na Awurade seɛ,
deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,
ɔno na ɔbɛboa wo:
Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ,
Yeshurun, a mapa noɔ. 3Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so,
ne asutene wɔ asase kesee so;
mɛhwie me Honhom agu wo mma so,
ne me nhyira agu wʼasefoɔ so. 4Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea,
te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho. 5Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’;
ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob;
bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘Awurade dea,’
na wafa edin Israel. 6“Sei na Awurade
Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo Awurade seɛ:
Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ;
Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.