Native Bible

Isaiah 44:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so, ne asutene wɔ asase kesee so; mɛhwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefoɔ so.

Isaiah 44:3 in English

Isaiah 44:3 · Berean Standard Bible

For I will pour water on the thirsty land, and currents on the dry ground. I will pour out My Spirit on your descendants, and My blessing on your offspring.

Context

1“Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ, Israel, deɛ mapa no. 2Sei na Awurade seɛ, deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ, Yeshurun, a mapa noɔ. 3Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so, ne asutene wɔ asase kesee so; mɛhwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefoɔ so. 4Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho. 5Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’; ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob; bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘Awurade dea,’ na wafa edin Israel.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.