Yesaia 44:27
Isaiah 44:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We, na mɛma wo asutene awewe,’
Isaiah 44:27 in English
Isaiah 44:27 · Berean Standard Bible
who says to the depths of the sea, ‘Be dry, and I will dry up your currents,’
Context
25deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ
na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;
deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo
na ɔdane no nkwaseasɛm, 26deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu
deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma,
“deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’
ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’
ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’ 27deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We,
na mɛma wo asutene awewe,’ 28deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ
na ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ;
ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,”
na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.