Native Bible

Isaiah 44:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma, “deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’ ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’ ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’

Isaiah 44:26 in English

Isaiah 44:26 · Berean Standard Bible

who confirms the message of His servant and fulfills the counsel of His messengers, who says of Jerusalem, ‘She will be inhabited,’ and of the cities of Judah, ‘They will be rebuilt, and I will restore their ruins,’

Context

24“Sei na Awurade seɛ, wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, deɛ wayɛ nneɛma nyinaa, deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu deɛ ɔno nko ara twee asase mu, 25deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo na ɔdane no nkwaseasɛm, 26deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma, “deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’ ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’ ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’ 27deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We, na mɛma wo asutene awewe,’ 28deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ na ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.