Native Bible

Isaiah 42:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na woabue ani a afira, na woayi nneduafoɔ afiri afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no.

Isaiah 42:7 in English

Isaiah 42:7 · Berean Standard Bible

to open the eyes of the blind, to bring prisoners out of the dungeon and those sitting in darkness out from the prison house.

Context

5Yei ne deɛ Onyankopɔn, Awurade no seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa, deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome, na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa: 6“Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu; mɛsɔ wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no ne kanea ama amanamanmufoɔ, 7na woabue ani a afira, na woayi nneduafoɔ afiri afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no. 8“Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni. 9Hwɛ, nneɛma dada no atwam, na nneɛma foforɔ no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no meka kyerɛ mo.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.