Yesaia 42:8
Isaiah 42:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni.
Isaiah 42:8 in English
Isaiah 42:8 · Berean Standard Bible
I am the LORD; that is My name! I will not yield My glory to another or My praise to idols.
Context
6“Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu;
mɛsɔ wo nsa.
Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ
apam ama nkurɔfoɔ no
ne kanea ama amanamanmufoɔ, 7na woabue ani a afira,
na woayi nneduafoɔ afiri afiase
na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no. 8“Mene Awurade; me din ne no!
Meremfa mʼanimuonyam mma obi
anaa mʼayɛyie mma ahoni. 9Hwɛ, nneɛma dada no atwam,
na nneɛma foforɔ no mepae mu ka;
ansa na ɛbɛba mu no
meka kyerɛ mo.” 10Monto dwom foforɔ mma Awurade!
Nʼayɛyie mfiri asase ano,
mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa,
mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.