Yesaia 41:28
Isaiah 41:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mehwɛ nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a ɔbɛtu wɔn fo, sɛ mebisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuaeɛ.
Isaiah 41:28 in English
Isaiah 41:28 · Berean Standard Bible
When I look, there is no one; there is no counselor among them; when I ask them, they have nothing to say.
Context
26Hwan na ɔkaa yei ho asɛm firii ahyɛaseɛ, sɛdeɛ anka ɛbɛma yɛahunu,
anaa waka ato hɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ne deɛ no yɛ’?
Obiara anka yei,
obiara anni ɛkan anka,
obiara ante nsɛm biara amfiri wo nkyɛn. 27Me na medii ɛkan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, wɔn nie!’
Mɛma Yerusalem ɔsomafoɔ bi a ɔde asɛmpa bɛba. 28Mehwɛ nanso obiara nni hɔ,
obiara nni wɔn mu a ɔbɛtu wɔn fo,
sɛ mebisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuaeɛ. 29Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofoɔ!
Wɔn nneyɛeɛ nka hwee;
wɔn nsɛsodeɛ yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.