Native Bible

Isaiah 40:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so. Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.

Isaiah 40:7 in English

Isaiah 40:7 · Berean Standard Bible

The grass withers and the flowers fall when the breath of the LORD blows on them; indeed, the people are grass.

Context

5Na Awurade animuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa bɛhunu. Ɛfiri sɛ Awurade na aka!” 6Nne bi kaa sɛ, “Team.” Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?” “Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ, na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren. 7Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so. Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ. 8Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.” 9Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔ tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na team, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ, “Mo Onyankopɔn nie!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.