Yesaia 40:8
Isaiah 40:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
Isaiah 40:8 in English
Isaiah 40:8 · Berean Standard Bible
The grass withers and the flowers fall, but the word of our God stands forever.”*
Context
6Nne bi kaa sɛ, “Team.”
Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?”
“Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ,
na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren. 7Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam
ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so.
Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ. 8Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam,
nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.” 9Wo a wode asɛm pa reba Sion,
foro kɔ bepɔ tenten bi so.
Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,
ma wo nne so na team,
ma so, nsuro;
ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ,
“Mo Onyankopɔn nie!” 10Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,
na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no.
Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,
na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.