Yesaia 40:5
Isaiah 40:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade animuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa bɛhunu. Ɛfiri sɛ Awurade na aka!”
Isaiah 40:5 in English
Isaiah 40:5 · Berean Standard Bible
And the glory of the LORD will be revealed, and all humanity together will see it.* For the mouth of the LORD has spoken.”
Context
3Ɛnne bi reteam sɛ,
“Monsiesie ɛkwan mma Awurade
wɔ anweatam no so.
Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so
mma yɛn Onyankopɔn. 4Bɔnhwa biara bɛyɛ ma,
bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam,
asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,
na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata. 5Na Awurade animuonyam bɛda adi,
na nnipa nyinaa bɛhunu.
Ɛfiri sɛ Awurade na aka!” 6Nne bi kaa sɛ, “Team.”
Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?”
“Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ,
na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren. 7Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam
ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so.
Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.