Native Bible

Isaiah 39:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”

Isaiah 39:3 in English

Isaiah 39:3 · Berean Standard Bible

Then the prophet Isaiah went to King Hezekiah and asked, “Where did those men come from, and what did they say to you?” “They came to me from a distant land,” Hezekiah replied, “from Babylon.”

Context

1Saa ɛberɛ no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no. 2Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ wɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. 3Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.” 4Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” 5Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.