Yesaia 39:4
Isaiah 39:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”
Isaiah 39:4 in English
Isaiah 39:4 · Berean Standard Bible
“What have they seen in your palace?” Isaiah asked. “They have seen everything in my palace,” answered Hezekiah. “There is nothing among my treasures that I did not show them.”
Context
2Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ wɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. 3Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?”
Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.” 4Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?”
Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” 5Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn: 6Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.