Native Bible

Isaiah 39:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ.

Isaiah 39:6 in English

Isaiah 39:6 · Berean Standard Bible

The time will surely come when everything in your palace and all that your fathers have stored up until this day will be carried off to Babylon. Nothing will be left, says the LORD.

Context

4Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” 5Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn: 6Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ. 7Na afei wʼasefoɔ mu bi, wʼankasa wo mogya a wɔbɛwo wɔn ama wo no, wɔbɛsoa wɔn akɔ na wɔakɔyɛ apiafoɔ wɔ Babiloniahene ahemfie.” 8Hesekia dwenee sɛ ne ɔman no bɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ wɔ ne mmerɛ so, enti ɔbuaa sɛ, “Awurade asɛm a woabɛka yi yɛ asɛm papa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.