Native Bible

Isaiah 38:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ,

Isaiah 38:4 in English

Isaiah 38:4 · Berean Standard Bible

And the word of the LORD came to Isaiah, saying,

Context

2Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, 3“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. 4Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ, 5“Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho. 6Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.