Native Bible

Isaiah 38:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

Isaiah 38:3 in English

Isaiah 38:3 · Berean Standard Bible

saying, “Please, O LORD, remember how I have walked before You faithfully and with wholehearted devotion; I have done what was good in Your sight.” And Hezekiah wept bitterly.

Context

1Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.” 2Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, 3“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. 4Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ, 5“Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.