Native Bible

Isaiah 37:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so de ne nsu pa no adwodwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!’

Isaiah 37:25 in English

Isaiah 37:25 · Berean Standard Bible

I have dug wells and drunk foreign * waters. With the soles of my feet I have dried up all the streams of Egypt.”

Context

23Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi? Hwan na woama wo nne so atia no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! 24Wonam wʼabɔfoɔ so asoa nsopa agu Awurade so. Na woaka sɛ, ‘Me nteaseɛnam dodoɔ enti maforo mmepɔ atentene, aane Lebanon mmepɔ a ɛwoware pa ara no. Matwitwa ne ntweneduro atentene no, ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu fam. Maduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu. 25Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so de ne nsu pa no adwodwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!’ 26“Na Monteeɛ? Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ. Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ ma wɔdane aboɔ asie. 27Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn. Wɔte sɛ afuo so nnua, ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ; wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi. Ɛhye ansa na anyini.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.