Yesaia 37:27
Isaiah 37:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn. Wɔte sɛ afuo so nnua, ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ; wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi. Ɛhye ansa na anyini.
Isaiah 37:27 in English
Isaiah 37:27 · Berean Standard Bible
Therefore their inhabitants, devoid of power, are dismayed and ashamed. They are like plants in the field, tender green shoots, grass on the rooftops, scorched * before it is grown.
Context
25Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so
de ne nsu pa no adwodwo me ho.
Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu
sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!’ 26“Na Monteeɛ?
Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.
Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;
afei mama aba mu sɛ,
moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ
ma wɔdane aboɔ asie. 27Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no
ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.
Wɔte sɛ afuo so nnua,
ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;
wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi.
Ɛhye ansa na anyini. 28“Nanso, menim deɛ woteɛ
ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ
ne sɛdeɛ wo bo huru tia me. 29Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me,
na mʼankasa mate no enti,
mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu,
na mede nnareka ato mo ano,
na mama mo afa ɛkwan
a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.