Yesaia 34:5
Isaiah 34:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro; hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no.
Isaiah 34:5 in English
Isaiah 34:5 · Berean Standard Bible
When My sword has drunk its fill in the heavens, then it will come down upon Edom, upon the people I have devoted to destruction.
Context
3Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu,
wɔn afunu no bɛyi hwa;
wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no. 4Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera
na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ;
ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase
sɛdeɛ nhahan te firi bobe so,
sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho. 5Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro;
hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so,
wɔn a masɛe wɔn koraa no. 6Mogya adware Awurade akofena ho,
wɔde sradeɛ asra ho,
nnwammaa ne mpɔnkye mogya,
nnwennini sawa mu sradeɛ.
Awurade wɔ afɔrebɔ bi bɔ wɔ Bosra
ne okum kɛseɛ wɔ Edom. 7Anantwie aniɔdenfoɔ ne wɔn bɛtotɔ,
anantwinini nketewa ne akɛseɛ.
Mogya bɛfɔ wɔn asase no,
na sradeɛ ayɛ ɛso dɔteɛ no sɔkyee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.