Native Bible

Isaiah 34:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ; ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase sɛdeɛ nhahan te firi bobe so, sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho.

Isaiah 34:4 in English

Isaiah 34:4 · Berean Standard Bible

All the stars of heaven will be dissolved. The skies will be rolled up like a scroll, and all their stars will fall like withered leaves from the vine, like foliage from the fig tree.

Context

2Awurade bo afu amanaman no; nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn. 3Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu, wɔn afunu no bɛyi hwa; wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no. 4Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ; ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase sɛdeɛ nhahan te firi bobe so, sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho. 5Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro; hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no. 6Mogya adware Awurade akofena ho, wɔde sradeɛ asra ho, nnwammaa ne mpɔnkye mogya, nnwennini sawa mu sradeɛ. Awurade wɔ afɔrebɔ bi bɔ wɔ Bosra ne okum kɛseɛ wɔ Edom.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.