Native Bible

Isaiah 34:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade bo afu amanaman no; nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn.

Isaiah 34:2 in English

Isaiah 34:2 · Berean Standard Bible

The LORD is angry with all the nations and furious with all their armies. He will devote them to destruction;* He will give them over to slaughter.

Context

1Montwi mmɛn, mo amanaman, na montie; monyɛ aso, mo ɔmanfoɔ! Momma asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ntie, ewiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa! 2Awurade bo afu amanaman no; nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn. 3Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu, wɔn afunu no bɛyi hwa; wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no. 4Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ; ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase sɛdeɛ nhahan te firi bobe so, sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.