Native Bible

Isaiah 30:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.

Isaiah 30:26 in English

Isaiah 30:26 · Berean Standard Bible

The light of the moon will be as bright as the sun, and the light of the sun will be seven times brighter—like the light of seven days—on the day that the LORD binds up the brokenness of His people and heals the wounds He has inflicted.

Context

24Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu. 25Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so. 26Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no. 27Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba, ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn; abufuo ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma. 28Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwan hyehyɛ nnipa no nnyepi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.