Yesaia 30:25
Isaiah 30:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so.
Isaiah 30:25 in English
Isaiah 30:25 · Berean Standard Bible
And from every high mountain and every raised hill, streams of water will flow in the day of great slaughter, when the towers fall.
Context
23Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ. 24Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu. 25Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so. 26Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no. 27Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba,
ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn;
abufuo ahyɛ nʼanom ma,
na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.