Yesaia 29:19
Isaiah 29:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio; ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
Isaiah 29:19 in English
Isaiah 29:19 · Berean Standard Bible
The humble will increase their joy in the LORD, and the poor among men will rejoice in the Holy One of Israel.
Context
17Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ
na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ. 18Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu
na kusuuyɛ ne esum mu mpo
onifirani ani bɛhunu adeɛ. 19Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio;
ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu. 20Atutupɛfoɔ bɛyera,
wɔrenhunu fɛdifoɔ bio,
na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu. 21Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ,
wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ
na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.