Native Bible

Isaiah 29:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifirani ani bɛhunu adeɛ.

Isaiah 29:18 in English

Isaiah 29:18 · Berean Standard Bible

On that day the deaf will hear the words of the scroll, and out of the deep darkness the eyes of the blind will see.

Context

16Mosisi nneɛma tiri ase. Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no! Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ, “Wo na woyɛɛ me anaa”? Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ “Ɔnnim hwee anaa”? 17Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ. 18Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifirani ani bɛhunu adeɛ. 19Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio; ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu. 20Atutupɛfoɔ bɛyera, wɔrenhunu fɛdifoɔ bio, na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.