Native Bible

Isaiah 26:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara a ɔde ne ho to wo so no wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so.

Isaiah 26:3 in English

Isaiah 26:3 · Berean Standard Bible

You will keep in perfect peace the steadfast of mind, because he trusts in You.

Context

1Saa ɛda no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn denden; Onyankopɔn de nkwagyeɛ ayɛ nʼafasuo ne nʼafaban a ɛkorɔn. 2Mommuebue apono no na ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu, ɔman nokwafoɔ no. 3Obiara a ɔde ne ho to wo so no wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so. 4Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, ɛfiri sɛ, Awurade yɛ daa Botan. 5Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; ɔbubu gu fam pasaa ma ɛda mfuturo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.