Yesaia 26:4
Isaiah 26:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, ɛfiri sɛ, Awurade yɛ daa Botan.
Isaiah 26:4 in English
Isaiah 26:4 · Berean Standard Bible
Trust in the LORD forever, because GOD the LORD is the Rock eternal.
Context
2Mommuebue apono no
na ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu,
ɔman nokwafoɔ no. 3Obiara a ɔde ne ho to wo so no
wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu,
ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so. 4Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ,
ɛfiri sɛ, Awurade yɛ daa Botan. 5Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,
na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;
ɔbubu gu fam pasaa
ma ɛda mfuturo mu. 6Ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so
de wɔn nan bɛtiatia so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.