Native Bible

Isaiah 22:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ, na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.

Isaiah 22:11 in English

Isaiah 22:11 · Berean Standard Bible

You built a reservoir between the walls for the waters of the ancient pool, but you did not look to the One who made it, or consider Him who planned it long ago.

Context

9wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no akwan bebree deda ne banbɔ mu. Woboaa nsuo ano wɔ Aseɛ Abura mu. 10Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no na wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden. 11Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ, na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no. 12Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma. 13Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ; wokunkum anantwie ne nnwan; wowe ɛnam na woboro nsã! Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom, ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.