Yesaia 22:12
Isaiah 22:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma.
Isaiah 22:12 in English
Isaiah 22:12 · Berean Standard Bible
On that day the Lord GOD of Hosts called for weeping and wailing, for shaven heads and the wearing of sackcloth.
Context
10Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no
na wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden. 11Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam
maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu,
nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ,
na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no. 12Awurade, Asafo Awurade,
frɛɛ wo saa da no
sɛ su na twa adwo,
ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma. 13Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ;
wokunkum anantwie ne nnwan;
wowe ɛnam na woboro nsã!
Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom,
ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!” 14Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.