Yesaia 19:9
Isaiah 19:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu, wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.
Isaiah 19:9 in English
Isaiah 19:9 · Berean Standard Bible
The workers in flax will be dismayed, and the weavers of fine linen will turn pale.
Context
7Nil nsunoa nnua nso,
deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.
Nil nsunoa so mfuo nyinaa
bɛwo wesee na awu koraa. 8Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,
wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;
wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so
bɛdi awerɛhoɔ. 9Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu,
wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa. 10Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ
na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto. 11Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ;
Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne.
Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ,
“Meyɛ anyansafoɔ no mu baako,
tete ahemfo no kyidifoɔ?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.