Native Bible

Isaiah 19:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ; Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ, “Meyɛ anyansafoɔ no mu baako, tete ahemfo no kyidifoɔ?”

Isaiah 19:11 in English

Isaiah 19:11 · Berean Standard Bible

The princes of Zoan are mere fools; Pharaoh’s wise counselors give senseless advice. How can you say to Pharaoh, “I am one of the wise, a son of eastern kings”?

Context

9Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu, wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa. 10Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto. 11Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ; Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ, “Meyɛ anyansafoɔ no mu baako, tete ahemfo no kyidifoɔ?” 12Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei? Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu deɛ Asafo Awurade ahyehyɛ atia Misraim. 13Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ, wɔadaadaa Memfis* akwankyerɛfoɔ ne nnipa no ntuanofoɔ ama Misraim afom ɛkwan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.