Yesaia 19:7
Isaiah 19:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nil nsunoa nnua nso, deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no. Nil nsunoa so mfuo nyinaa bɛwo wesee na awu koraa.
Isaiah 19:7 in English
Isaiah 19:7 · Berean Standard Bible
The bulrushes by the Nile, by the mouth of the river, and all the fields sown along the Nile, will wither, blow away, and be no more.
Context
5Nsubɔntene mu nsuo bɛwe,
na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee. 6Nsuka bɛyi hwa;
na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe.
Demmire ne ɛserɛ bɛdwan, 7Nil nsunoa nnua nso,
deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.
Nil nsunoa so mfuo nyinaa
bɛwo wesee na awu koraa. 8Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,
wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;
wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so
bɛdi awerɛhoɔ. 9Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu,
wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.