Native Bible

Isaiah 18:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.”

Isaiah 18:4 in English

Isaiah 18:4 · Berean Standard Bible

For this is what the LORD has told me: “I will quietly look on from My dwelling place, like shimmering heat in the sunshine, like a cloud of dew in the heat of harvest.”

Context

2a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani. Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. 3Mo ewiasefoɔ nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a, mobɛhunu. Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, mobɛte. 4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.” 5Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no, na nhwiren no anyini adane bobe no, wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no; wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ. 6Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa; nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu. Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.